1Ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim,
na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ asase so no,
2Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea
na Israel bɛyɛɛ nʼahemman.
3Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ,
Yordan sanee nʼakyi;
4Mmepɔ hurihurii sɛ nnwennini
nkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwammaa.
5Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ,
Ao Yordan, na wosanee wʼakyi,
6mo mmepɔ, na mohurihuri sɛ nnwennini,
na mo nkokoɔ, mohurihuri sɛ nnwammaa?
7Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim,
wɔ Yakob Onyankopɔn anim,
8ɔno na ɔmaa ɔbotan no danee asubura,
na abotan a ɛyɛ den danee nsuwa nsuwa no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
