Yesaia 32 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Tenenee Ahennie

1Hwɛ, ɔhene bi bɛba abɛdi ɔhene wɔ tenenee mu

na sodifoɔ de atɛntenenee adi nnipa so.

2Wɔn mu biara bɛyɛ te sɛ mframa ano hintabea

ne ahum mu dwanekɔbea,

wɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ anweatam so

ne ɔbotan kɛseɛ sunsum a ɛwɔ osukɔm asase so.

3Wɔn a wɔwɔ ani no bɛhunu nokorɛ no,

na obiara a ɔwɔ aso no bɛte.

4Deɛ ɔyɛ adwene mu herɛ bɛhunu na wate aseɛ,

wɔn a wɔpo dodoɔ bɛkasa na emu ada hɔ.

5Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onimuonyamfoɔ bio

na wɔremfa anidie mma ɔpapahwekwaa.

6Ɔkwasea ka nkwaseasɛm

na ɔdwene bɔne ho:

ɔyɛ onyame akyiwadeɛ;

ɔma Awurade ho nkyerɛkyerɛ bɔne;

ɔmma deɛ ɛkɔm de no no aduane

ɔde nsuo kame deɛ sukɔm de no.

7Ɔpapahwekwaa akwan yɛ amumuyɛ,

ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛeɛ

de atorɔ sɛe ohiani,

wɔ ɛberɛ a ohiani asɛm yɛ nokorɛ mpo.

8Nanso, onimuonyamfoɔ yɛ nhyehyɛeɛ a ɛho wɔ nyam

na ne nneyɛɛ pa no enti, ɔda nso.

Yerusalem Mmabaa

9Mo mmaa a mogye mo ho die,

monsɔre na montie me;

mo mmammaa a mosusu sɛ mowɔ banbɔ

monyɛ aso mma deɛ mewɔ ka!

10Afe akyi nna kakra bi no

mo a mogye di sɛ mo wɔ banbɔ ho bɛpopo;

bobe twaberɛ no bɛdi mo hwammɔ,

nnuaba no twaberɛ nso remma.

11Mo ho mpopo mo mmaa a mogye mo ho die;

mommɔ hu, mo mmammaa a mogye di sɛ mowɔ banbɔ!

Mompa mo ho ntoma

na momfa ayitoma mmɔ mo asene mu.

12Momfa awerɛhoɔ mfa mo nsa mmoro mo koko so wɔ mfuo fɛfɛ

ne mo bobe a ɛsoɔ no enti.

13Ɛfiri sɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse agye afa mo asase afa.

Ahosɛpɛ ne anigyeɛ to atwa wɔ kuro no mu.

14Wɔbɛgya aban no hɔ,

na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan;

abankɛsewa ne ɔwɛn aban bɛdane asase hunu afebɔɔ,

deɛ mfunumu pɛ ne nnwankuo adidibea,

15kɔsi sɛ wɔbɛhwie Honhom no afiri ɔsoro agu yɛn so,

na anweatam bɛdane asase bereɛ

na asase bereɛ ayɛ sɛ kwaeɛ.

16Tenenee bɛtena anweatam so

na adeteneneeyɛ atena asase bereɛ so.

17Adeteneneeyɛ bɛso asomdwoeɛ aba;

deɛ adeteneneeyɛ de ba bɛyɛ kommyɛ ne ahotosoɔ a ɛnni awieeɛ.

18Me nkurɔfoɔ bɛtenatena mmeaeɛ a asomdwoeɛ wɔ,

afie a wɔabɔ ho ban

homebea a ɔhaw biara nni hɔ.

19Mpo sɛ ampariboɔ sɛe kwaeɛ no

na kuropɔn no sɛe koraa a,

20wɔbɛhyira wo,

wobɛdua wʼaba wɔ nsuwa biara ho,

na wama wʼanantwie ne wo mfunumu anante baabiara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help