1Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no.
2Mommrɛ mo ho ase koraa na monnwo; monto mo bo ase, na mone obiara ntena wɔ ɔdɔ mu.
3Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoeɛ ahoma so bɛma Honhom baakoyɛ no atena mo mu.
4Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidasoɔ baako,
5Awurade baako, gyidie baako ne asubɔ baako mu no.
6Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a ɔdi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.
7Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛdeɛ Kristo akyɛ ama yɛn.
8Yei enti na Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Ɛberɛ a ɔforo kɔɔ ɔsoro no,
ɔfaa nneduafoɔ kaa ne ho;
na ɔmaa nnipa akyɛdeɛ.”
9Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛaseɛ ne sɛn? Aseɛ kyerɛ sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, ɔkɔɔ fam, asase ase pɛɛ.
10Enti deɛ ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro ewiem nyinaa so, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ abɔdeɛ nyinaa ma.
11Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafoɔ, afoforɔ yɛɛ adiyifoɔ, afoforɔ yɛɛ asɛmpakafoɔ, na afoforɔ nso yɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ.
12Ɔyɛɛ yei de siesiee Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛdeɛ Kristo onipadua no nyini bɛkɔso
13kɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛnya gyidie baako ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ baako, na yɛawie nyini wɔ Kristo mayɛ mu.
14Yɛrenyɛ mmɔfra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ deɛ ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na nnipa bradɛtofoɔ ne anifirefoɔ daadaa wɔn.
15Mmom, sɛ yɛtena ase nokorɛ ne ɔdɔ honhom mu a, yɛbɛnyini wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti mu.
16Ne mu na honam akwaa ahodoɔ no sosɔ wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma na onipadua no nyini ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu.
Hann Mma Asetena17Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ sɛ, monntena ase bio sɛ amanamanmufoɔ a wɔnni adwene pa bi,
18na esum aduru wɔn nteaseɛ. Wɔnnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wɔnnim Onyankopɔn mu asetena na wɔnni atenka ma deɛ ɛtene.
19Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afideɛ ahodoɔ nyinaa bi a wɔnnu wɔn ho.
20Ɛnyɛ saa na mosua faa Kristo ho.
21Ɛyɛ nokorɛ sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Yesu mu no teɛ.
22Enti, montwe mo ho mfiri mo suban dada no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔ no ho.
23Momma Honhom no nyɛ mo akoma ne mo adwene foforɔ,
24na montena ase wɔ suban foforɔ a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ teneneeyɛ ne kronkronyɛ mu.
25Monnni atorɔ nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokorɛ nkyerɛ ne nua, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo onipadua mu.
26Sɛ wo bo fu a, nyɛ bɔne mma awia nkɔtɔ wʼabufuo so.
27Mma ɔbonsam kwan.
28Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔno no gyae korɔnobɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforɔ.
29Mma kasa bɔne mfiri wʼanomu, na mmom, ka kasa pa na aboa afoforɔ sɛdeɛ ɛhia wɔn na wɔn a wɔtie anya ho mfasoɔ.
30Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.
31Monyi yeadie, bobɔne ne abufuo, ahohoahoa ne nsekuro ne bɔnepɛ nyinaa mfiri mo mu.
32Monyɛ ayamyɛ mma mo ho mo ho. Mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.