Hiob 22 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Elifas Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmiɛnsa

1Na Temanni Elifas buaa sɛ,

2“Onyankopɔn bɛnya onipa ho mfasoɔ anaa?

Mpo onyansafoɔ ho bɛba no mfasoɔ anaa?

3Sɛ woyɛ ɔteneneeni a, anigyeɛ bɛn na Otumfoɔ no bɛnya?

Sɛ wʼakwan ho nni asɛm a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?

4“Wo kronnyɛ enti na ɔka wʼanim

na ɔbɔ wo kwaadu anaa?

5Ɛnyɛ wʼamumuyɛ na ɛsoɔ?

Ɛnyɛ wo bɔne na ɛdɔɔso dodo?

6Wopɛɛ banbɔ firii wo nuanom nkyɛn a ɛnni nteaseɛ biara;

wopaa nnipa ho ntoma ma wɔdaa adagya.

7Woamma abrɛfoɔ nsuo annom

na woamfa aduane amma deɛ ɛkɔm de no.

8Nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɔwɔ nsase,

onimuonyamfoɔ a ɔte so.

9Wopamoo akunafoɔ ma wɔkɔɔ nsapan

na womaa nwisiaa nso ahoɔden saeɛ.

10Ɛno enti na mfidie atwa wo ho ahyia,

na amanehunu a ɛba ntɛm so abɔ wo hu yi,

11adɛn enti na esum aduru a wonhunu adeɛ,

na asorɔkye akata wo so.

12“Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri?

Hwɛ sɛdeɛ ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn!

13Nanso woka sɛ, ‘Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim?

Esum yi mu na ɔbu atɛn anaa?

14Omununkum kabii akata nʼanim enti ɔnhunu yɛn

ɛberɛ a ɔnenam ɔsoro kɔntɔnkurowi mu.’

15Wobɛkɔ so afa ɛkwan dada a

abɔnefoɔ anante soɔ no so?

16Wɔpraa wɔn kɔɔeɛ ansa na wɔn berɛ reso,

na nsuyire hohoroo wɔn fapem.

17Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Gyaa yɛn!

Ɛdeɛn na Otumfoɔ bɛtumi ayɛ yɛn?’

18Nanso, ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afie mu,

enti metwe me ho mefiri amumuyɛfoɔ afutuo ho.

19Teneneefoɔ hunu wɔn asehweɛ ma wɔn ani gye;

na wɔn a wɔn ho nni asɛm sere wɔn ka sɛ,

20‘Wɔasɛe yɛn atamfoɔ,

na ogya ahye wɔn agyapadeɛ.’

21“Fa wo ho ma Onyankopɔn na nya asomdwoeɛ wɔ ne mu;

saa ɛkwan yi so na yiedie bɛyɛ wo kyɛfa.

22Tie akwankyerɛ a ɛfiri nʼanom,

na fa ne nsɛm sie wʼakoma mu.

23Sɛ wosane kɔ Otumfoɔ no nkyɛn a, ɔbɛgye wo atom bio:

sɛ woyi amumuyɛsɛm firi wo ntomadan mu

24na woto wo sika mpɔ gu mfuturo mu

ne Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abɔn mu no so a,

25ɛnneɛ Otumfoɔ bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ;

ɔbɛyɛ dwetɛ amapa ama wo.

26Afei nokorɛm wobɛnya anigyeɛ wɔ Otumfoɔ mu

na wobɛpagya wʼani akyerɛ Onyankopɔn.

27Wobɛbɔ no mpaeɛ, na ɔbɛtie wo,

na wobɛdi wo bɔhyɛ so.

28Deɛ woyɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ no bɛba mu,

na hann bɛtɔ wʼakwan so.

29Sɛ nnipa hwe ase na woka sɛ, ‘Ma wɔn so!’ a,

ɔbɛgye wɔn a wɔahwe ase no nkwa.

30Ɔbɛgye abɔnefoɔ mpo,

ɔnam wo nsa a ɛho nni fi so bɛgye wɔn.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help