Nnwom 29 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 29Dawid dwom.

1Momfa mma Awurade no, Ao ɔsoro abɔdeɛ,

momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.

2Momfa animuonyam a ɛfata Awurade din mma no;

monsɔre Awurade wɔ nʼanimuonyam kronkron mu.

3 Awurade nne wɔ nsuo no so;

animuonyam Onyankopɔn bobom,

Awurade bobom wɔ nsuo akɛseɛ so.

4 Awurade nne mu wɔ tumi;

Awurade nne mu wɔ animuonyam.

5 Awurade nne bubu ntweneduro;

Awurade nne bubu Lebanon ntweneduro mu nketenkete.

6Ɔma Lebanon hurihuri te sɛ nantwie ba,

na Sirion nso sɛ ɛkoɔ ba.

7 Awurade nne pa ma anyinam ogya dɛre

8 Awurade nne woso ɛserɛ so;

Awurade woso Kades serɛ.

9 Awurade nne kyinkyim adum

na ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa.

Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ,

“Animuonyam nka Onyankopɔn!”

10 Awurade di ɔhene wɔ nsuyire so;

wɔasi Awurade ɔhene afebɔɔ.

11 Awurade ma ne nkurɔfoɔ ahoɔden,

na ɔde asomdwoeɛ hyira wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help