1Montwi mmɛn, mo amanaman, na montie;
monyɛ aso, mo ɔmanfoɔ!
Momma asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ntie,
ewiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa!
2 Awurade bo afu amanaman no;
nʼabufuhyeɛ no tia wɔn akodɔm nyinaa.
Ɔbɛsɛe wɔn pasaa,
ɔbɛma wɔakunkum wɔn.
3Wɔbɛto wɔn mu atɔfoɔ no agu,
wɔn afunu no bɛyi hwa;
wɔn mogya bɛfɔ mmepɔ no.
4Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera
na wɔbɛbobɔ ɔsoro te sɛ nwoma mmobɔeɛ;
ɔsoro atumfoɔ bɛhwe ase
sɛdeɛ nhahan te firi bobe so,
sɛdeɛ mman a awo firi borɔdɔma dua ho.
5Mʼakofena anom deɛ ɛmee no wɔ soro;
hwɛ, ɛresiane de atemmuo aba Edom so,
wɔn a masɛe wɔn koraa no.
6Mogya adware Awurade akofena ho,
wɔde sradeɛ asra ho,
nnwammaa ne mpɔnkye mogya,
nnwennini sawa mu sradeɛ.
Awurade wɔ afɔrebɔ bi bɔ wɔ Bosra
ne okum kɛseɛ wɔ Edom.
7Anantwie aniɔdenfoɔ ne wɔn bɛtotɔ,
anantwinini nketewa ne akɛseɛ.
Mogya bɛfɔ wɔn asase no,
na sradeɛ ayɛ ɛso dɔteɛ no sɔkyee.
8Na ɛyɛ Awurade aweretɔ da
a ɔbɛdi ama Sion.
9Edom nsuwa nsuwa bɛdane agodibea,
ne dɔteɛ bɛdane sɔfe a ɛdɛre
nʼasase bɛyɛ agoprama a ɛdɛre!
10Ɛrennum awia anaa anadwo;
ne wisie bɛfiri a ɛtoɔ rentwa da.
Ɛbɛda mpan firi awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ;
obiara remfa ho bio koraa.
11Anweatam so patuo ne ɔbonsamnoma
bɛgye hɔ afa;
ɔpatuo ne anene bɛtena hɔ.
Onyankopɔn bɛtwe basabasayɛ ahoma
wɔ Edom so,
ɔde bɛsɛe ɔman no.
12Nʼatitire renya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahennie,
nʼahenemma mmarima nyinaa bɛtu ayera.
13Nkasɛɛ bɛgye nʼabankɛsewa afa,
nsansono ne nkasɛɛ bɛfu wɔ nʼabankɛsewa hɔ.
Ɛhɔ bɛyɛ adompo atuo,
ne apatuo tenabea.
14Anweatam so mmoa ne mpataku bɛhyia adi afra,
mpɔnkye aniɔdenfoɔ bɛsu akyerɛ wɔn ho;
ɛhɔ na anadwo mmoa bɛdeda
na wɔde ayɛ wɔn homebea.
15Ɛhɔ na ɔpatuo bɛyɛ ne pirebuo, na wato ne nkosua.
Ɔbɛhwane ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so;
ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano,
obiara ne deɛ ɔka ne ho.
16Hwɛ Awurade nwoma mmobɔeɛ no mu, na kenkan:
Yeinom mu biara renyera,
obiara bɛnya deɛ ɔka ne ho.
Ɛfiri sɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no firie,
na ne honhom bɛboaboa wɔn ano.
17Ɔde wɔn kyɛfa rema wɔn;
ɔde ne nsa yɛ susudua kyekyɛ.
Wɔbɛfa no sɛ wɔn dea afebɔɔ
na wɔfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ atena hɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.