1Momfa ahurisie nto dwom mma Awurade, mo teneneefoɔ,
ɛfata sɛ wɔn a wɔtene no yi no ayɛ.
2Momfa sankuo nkamfo Awurade;
monto dwom mma no wɔ sankuten so.
3Monto dwom foforɔ mma no.
Momfa nimdeɛ mmɔ sankuo no na monteam ahurisie so!
4 Awurade asɛm tene, na ɛyɛ nokorɛ
ɔdi nokorɛ wɔ deɛ ɔyɛ nyinaa mu.
5 Awurade dɔ teneneeyɛ ne atɛntenenee.
Nʼadɔeɛ a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.
6 Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro,
nʼanom homeɛ so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.
7Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo;
na ɔde ebunu siee deɛ ɛhɔ dɔ.
8Momma asase sofoɔ nyinaa nsuro Awurade;
na ewiasefoɔ nyinaa mfa anidie mma no.
9Ɔno na ɔkasaeɛ na ɛbaa mu
na ɔhyɛeɛ na ɛgyinaa pintinn.
10 Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛeɛ;
ɔma adasamma nsusuiɛ yɛ kwa.
11Nanso, Awurade nhyehyɛeɛ tim hɔ daa,
nʼakoma mu botaeɛ wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ.
12Nhyira ne ɔman a ne Onyankopɔn ne Awurade,
nnipa a ɔyii wɔn sɛ nʼagyapadeɛ no.
13 Awurade hwɛ adasamma nyinaa firi soro.
14Ɔfiri nʼatenaeɛ hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.
15Ɔno ne deɛ ɔbɔɔ wɔn nyinaa akoma,
enti ɔnim deɛ wɔyɛ nyinaa.
16Ɛnyɛ ɔhene akodɔm kɛseɛ na ɛbɛgye no;
ɛnyɛ ɔkofoɔ ahoɔden na ɛbɛma no afiri mu afi.
17Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu;
nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.
18Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so,
wɔn a wɔwɔ anidasoɔ wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,
19sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo mu
na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɛkɔm berɛ mu.
20Yɛde anidasoɔ twɛn Awurade;
ɔyɛ yɛn ɔboafoɔ ne yɛn akokyɛm.
21Ne mu na yɛn akoma di ahurisie,
ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.
22Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ntena yɛn so, Ao Awurade,
sɛdeɛ anidasoɔ a yɛwɔ wɔ mu no teɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
