Nnwom 126 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 126Ɔsoroforɔ dwom.

1Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no,

yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ.

2Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma,

anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.

Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ,

“Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.”

3 Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛn

na anigyeɛ ahyɛ yɛn ma.

4Ao Awurade, sane fa yɛn ahonya ma yɛn,

te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no.

5Wɔn a wɔdua no nisuo mu no

de anigyeɛ nnwom bɛtwa.

6Deɛ ɔde osu firi adie

na ɔsoa aba kɔdua no,

ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane aba

a ɔso nnɔbaeɛ afiafi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help