Hesekiel 7 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Awieeɛ No Aba

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,

2“Onipa ba, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Israel asase no:

“ ‘Awieeɛ no, awieeɛ no aduru

asase no ntweaso ɛnan no so!

3Awieeɛ no aduru wɔ wo so,

na mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so.

Mɛgyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn, na

matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so.

4Merenhunu wo mmɔbɔ

na meremfa wo ho nkyɛ wo.

Ampa ara mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ

ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no,

na moahunu sɛ me ne Awurade.’

5“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da

nam ɛkwan so reba!

6Awieeɛ no aba!

Awieeɛ no aba!

Apagya ne ho atia wo.

Aba!

7Ɔsɛeɛ aduru mo,

mo a mote asase no so.

Ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn;

huboabɔ ɛberɛ a ɛnyɛ mmepɔ no so ahosɛpɛ.

8Merebɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so

de awie mʼabufuo a ɛtia wo no.

Mɛgyina wo nneyɛɛ so abu wo atɛn,

na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so.

9Merenhunu wo mmɔbɔ,

na meremfa wo ho nkyɛ wo.

Mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ

ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no.

Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade, na mebobɔ.

10“ ‘Ɛda no nie!

Hwɛ aba!

Atemmuo da no apue,

abaa no afefɛ,

ahantan ahanehane!

11Akakabensɛm ayɛ abaa

a wɔde twe amumuyɛ aso.

Nnipa no mu biara renka,

nnipakuo no mu biara,

ahonyadeɛ ne deɛ ɛsom bo biara renka.

12Ɛberɛ no aso!

Ɛda no aduru.

Mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye

anaa ɔdetɔnfoɔ werɛ nho,

ɛfiri sɛ abufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.

13Deɛ ɔtɔn no nsa renka asase

a watɔn no bio

wɔ ɛberɛ a wɔn mmienu te ase,

Ɛfiri sɛ anisoadehunu a ɛfa nnipakuo

no nyinaa no rensesa.

Wɔn bɔne enti, wɔn mu baako koraa

remfa ne ho nni.

14“ ‘Ɛwom, wɔhyɛne totorobɛnto,

na wɔboaboa biribiara ano deɛ,

nanso obiara renkɔ ɔsa,

ɛfiri sɛ mʼabufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.

15Akofena wɔ mfikyire;

na ɔyaredɔm ne ɛkɔm wɔ efie.

Wɔn a wɔwɔ ɔman no mu

bɛtotɔ wɔ akofena ano.

Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no,

ɔyaredɔm ne ɛkɔm bɛkum wɔn.

16Wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu

na wɔadwane no bɛtena mmepɔ no so.

Na wɔakurum te sɛ

mmɔnhwa mu mmorɔnoma

wɔ wɔn mu biara bɔne enti.

17Nsa nyinaa bɛdwodwo

na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛ sɛ nsuo.

18Wɔbɛfirafira ayitoma

na wɔabɔ huboa.

Aniwuo bɛkata wɔn anim

na wɔayi wɔn tirinwi.

19“ ‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so,

na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ.

Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ

rentumi nnye wɔn

Awurade abufuhyeɛ ɛda no.

Ɛrenkum wɔn kɔm

na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma,

ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu.

20Na wɔde wɔn mpompranneɛ fɛfɛ no hoahoa wɔn ho,

na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ

ne nsɛsodeɛ tantane;

enti mɛdane yeinom a ɛho nteɛ ama wɔn.

21Mede ne nyinaa bɛma ananafoɔ sɛ afodeɛ

na mede ama asase so atirimuɔdenfoɔ sɛ korɔnodeɛ,

na wɔbɛgu ho fi.

22Mɛyi mʼani afiri wɔn so

na akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi.

Wɔbɛwura hɔ

na wɔagu ho fi.

23“ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn!

Ɛfiri sɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma,

na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.

24Mɛma aman no mu otirimuɔdenfoɔ pa ara

abɛfa wɔn afie;

mɛma ɔhoɔdenfoɔ ahomasoɔ aba awieeɛ,

na wɔn kronkrommea ho bɛgu fi.

25Sɛ ehu ba a,

wɔbɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri ɛkwan, nanso ɛbɛbɔ wɔn.

26Atoyerɛnkyɛm bɛdi atoyerɛnkyɛm akyi aba;

atesɛm bɛdi atesɛm akyi.

Wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛnya anisoadehunu afiri odiyifoɔ no hɔ,

Ɔsɔfoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn.

Saa ara na wɔrennya afotuo mfiri mpanimfoɔ hɔ.

27Ɔhene no bɛtwa adwo,

ɔheneba no bɛfira abasamutuo,

na asase no so nnipa nsa bɛpopo.

Me ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ teɛ,

na mɛgyina wɔn pɛpɛyɛ so abu wɔn atɛn.

Afei wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.’ ”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help