Nahum Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuOdiyifoɔ Nahum Nwoma yi ka Ninewe asehweɛ ho asɛm. Na Ninewe yɛ Asiria ahenkuro. Odiyifoɔ Yona kaa asɛmpa no maa Ninewefoɔ sakyeraeɛ. Mfirinhyia ɔha akyiri no, tumidie ntrasoɔ, mogyahwieguo, atirimuɔden, ahantan, abosomsom ne atorɔ baa ɔman no mu. Yei enti na Odiyifoɔ Nahum hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe Asiria, ɛfiri sɛ Ɔteneneeni ne Ɔkronkronni Nyankopɔn twe bɔne aso.Emu NsɛmNinewe atemmuo (1.1-15)Ninewe asehweɛ (2.1-11)Ninewe Nnome (3.1-19)