Adiyisɛm Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuNa Yohane yɛ Yesu asuafo no mu baako. Ɔno na ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa, Yohane Nhoma a Edi Kan, Yohane Nhoma a Ɛto So Abien, Yohane Nhoma a Ɛto So Abiɛsa ne saa Adiyisɛm yi. Saa bere no, na wɔtaa Kristofo denneennen pa ara. Wotwaa Yohane asu de no kɔɔ Patmo Supɔw so. Bere a ɔwɔ hɔ no, Onyankopɔn nam anisoadehu so daa nneɛma bebree adi kyerɛɛ no ma ɔkyerɛw guu hɔ. Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ no se, ɔkwan biara so, Kristofo benya wɔn anuonyam a ɛfata wɔn, na asase foforo bi bɛba a ɔyaw ne awerɛhow nni so. Saa nhoma yi hyɛɛ Kristofo nkuran, bere a na wɔwɔ ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no.Emu NsɛmNhyɛnmu (1.1-8)Adiyisɛm a edi kan (1.9–3.22)Adiyisɛm a ɛto so abien (4.1–16.21)Adiyisɛm a ɛto so abiɛsa (17.1–21.18)Adiyisɛm a ɛto so anan (21.9–22.5)Asɛnka a etwa to (22.6-21)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help