Yeremia 20 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Yeremia Ne Pashur

1Bere a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfo so panyin babarima ɔsɔfo Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no,

2ɔma wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Pon a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ no.

3Ade kyee a Pashur san no no, Yeremia ka kyerɛɛ no se, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib.

4Na sɛɛ na Awurade se: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani behu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfo mfoa ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde afoa bekunkum wɔn.

5Mede kuropɔn yi ahode, nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo nnwetɛbona nyinaa bɛma wɔn atamfo. Wɔbɛfa no sɛ asade akɔ Babilonia.

6Na wo Pashur, ne wo fifo nyinaa bɛkɔ nnommum mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn akɔntoro no nyinaa bewuwu na wɔasie mo.’ ”

Yeremia Anwiinwii

7 Awurade, wodaadaa me na ɛbaa mu saa;

wudii me so na wutintim me so.

Wodii me ho fɛw da mu nyinaa;

na obiara serew me.

8Bere biara a mɛkasa no, meteɛ mu,

pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛe.

Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa

abrɛ me da mu nyinaa.

9Sɛ meka se, “Meremmɔ ne din

anaa merenkasa wɔ ne din mu” a,

nʼasɛm te sɛ ogya wɔ me koma mu,

ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu,

mabrɛ ne ne kita

nokware, merentumi.

10Mete asomsɛm bebree sɛ,

“Ehu wɔ baabiara!

Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!”

Me nnamfonom nyinaa

retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka se,

“Ebia wɔbɛdaadaa no;

na yɛatumi no

atɔ ne so were.”

11Nanso Awurade ka me ho sɛ dɔmbarima;

enti mʼataafo bɛwatiri na wɔrentumi.

Wobedi nkogu na wobegu wɔn anim ase pasaa;

wɔn werɛ remfi wɔn nsopa no da.

12Asafo Awurade! Wo a wosɔ ɔtreneeni hwɛ

na wopɛɛpɛɛ koma ne adwene mu,

ma minhu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,

efisɛ mede mʼasɛm dan wo.

13Monto dwom mma Awurade!

Munyi Awurade ayɛ!

Ogye ohiani nkwa fi

amumɔyɛfo nsam.

14Nnome nka da a wɔwoo me!

Nhyira mpare da a me na woo me.

15Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya amanneɛ,

nea ɔmaa nʼani gyei, na ɔkae se,

“Wɔawo ɔbabarima ama wo!”

16Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkurow a

Awurade tu gui a wannya ahummɔbɔ no.

Ma ɔnte osu anɔpa,

ne akobɛn nnyigyei owigyinae.

17Sɛ wankum me wɔ awotwaa mu

amma me na anyɛ ɔda amma me no nti,

nʼawotwaa yɛɛ kɛse afebɔɔ.

18Adɛn koraa na mifii awotwaa mu pue

behuu ɔhaw ne awerɛhow

na mede aniwu rebewie me nkwa nna yi?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help