1 Mose Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Nhyɛnmu Gyenesis ase ne mfiase. Ɛno na na ebuebue wiase atetesɛm mfiase no mu. Ɛma yehu nnipa abakɔsɛm mu. Ɛma yehu abusua abɔse mu. Saa ara na ɛboa ma yɛn nkɔso wɔ yɛn nkwagye mu. Ɛyɛ Onyankopɔn botae anaa ne nhyehyɛe a ɔfaa so de adebɔ bae. Ɛda Onyankopɔn su adi sɛ Ɔyɛfo, Ɔboafo, Ɔtreneeni, Otemmufo ne Ogyefo. Ɛda onipa mudi ne anuonyam a Onyankopɔn de bɔɔ no nso adi.Wɔakyɛ Gyenesis nhoma no mu abien:Ɔfa a edi kan yɛ ti a edi kan kosi ti dubaako a ɛka sɛnea wɔbɔɔ wiase ne adesamma fi Adam so kosi Babel Abantenten ho abakɔsɛm so.Ɔfa a ɛto so abien yɛ ti dumien kosi ti aduonum a ɛka tete Israelfo ho asɛm; efi Abraham, Isak, Yakob ne ne mmabarima dumien no kosi sɛnea ɛnam Yosef so ma wɔkɔtenaa Misraim asase so no ho asɛm.Emu Nsɛma. Adebɔ Ho Asɛm (1.1–2.3)b. Adam Ho Asɛm (2.17–5.32)d. Noa Ho Asɛm (6.8–11.32)e. Abraham Ho Asɛm (12.1–25.18)f. Isak Ho Asɛm (25.19–28.9)g. Yakob Ho Asɛm (28.10–36.43)h. Yosef Ho Asɛm (37.1–50.26)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help