1 Awurade yɛ ɔkɛse na ɔsɛ nkamfo,
wɔ yɛn Nyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔw kronkron so.
2Ne sorokɔ ma ɛyɛ fɛ,
ɛyɛ wiase nyinaa anigyede.
Bepɔw Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea,
Ɔhenkɛse no kuropɔn.
3Onyankopɔn te nʼabankɛse mu
wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼabandennen.
4Bere a ahemfo yi boaa wɔn ho ano,
na wotuu ɔsa bɔɔ mu no,
5wohuu no ma ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw,
na wɔde ehu guanee.
6Wɔbɔɔ huboa wɔ hɔ,
ɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a awo aka no.
7Wosɛe wɔn sɛ Tarsis ahyɛn a
apuei mframa abɔ adwira wɔn.
8Sɛnea yɛate no,
saa ara na yɛahu
wɔ Asafo Awurade kuropɔn no mu,
yɛn Nyankopɔn kuropɔn mu;
Onyankopɔn ma etim hɔ afebɔɔ.
9Wʼasɔredan no mu; Ao, Onyankopɔn,
na yɛdwene wo dɔ a enni huammɔ da no ho,
10Ao, Onyankopɔn, wʼayeyi du asase ano
te sɛ wo din te;
trenee ayɛ wo nsa nifa mu ma.
11Sion bepɔw di ahurusi,
Yuda nkuraase no ani gye
esiane wʼatemmu no nti.
12Nantew Sion na twa ho hyia,
kan nʼabantenten dodow,
13dwene nʼafasu ho yiye,
hwɛ nʼabankɛse no,
na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma.
14Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa;
ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo akosi awiei mpo.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
