Nnwom 124 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 124Ɔsoroforo dwom. Dawid de.

1Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a,

ma Israel nka,

2Sɛ anka Awurade nni yɛn afa

bere a nnipa tow hyɛɛ yɛn so,

3bere a wɔn abufuw sɔre tiaa yɛn a

anka wɔmemenee yɛn anikann;

4anka nsuyiri no bebu afa yɛn so,

anka ɔhweam no bɛtwe yɛn akɔ,

5anka nsu a ano yɛ den no

bɛpra yɛn kɔ.

6Ayeyi nka Awurade a

wamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antetew yɛn mu.

7Yɛaguan sɛ anomaa

afi ofirisumfo afiri mu;

wɔabubu afiri no,

ama yɛaguan.

8Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu,

ɔsoro ne asase Yɛfo no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help