Filipifo Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuPaulo kyerɛw saa krataa yi kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Filipi a ɛno ne asafo a wodii kan tew wɔ Europa. Na Filipi yɛ kuropɔn a agye din yiye wɔ aguadi mu a na ɛhyɛ Roma aban ase. Wɔkyeree Paulo de no too afiase wɔ saa kuropɔn yi mu. Bere a ɔda afiase no na ɔkyerɛw saa krataa yi. Saa bere no, atoro akyerɛkyerɛfo de wɔn ho wuraa asafo no mu maa mpo nnipa bi sɔre tiaa Paulo nkyerɛkyerɛ no. Nanso nnipa no bebree gyee nʼasɛm no too mu maa no nea ehia biara wɔ afiase hɔ. Paulo kyerɛɛ anigye a wonya wɔ to a wɔde wɔn ho to Kristo so no mu wɔ saa krataa yi mu.Emu NsɛmNkyia ne nhyɛnmu (1.1-11)Paulo ka nʼankasa ho asɛm (1.12-26)Okristoni abrabɔ (1.27–2.18)Paulo soma Timoteo ne Epafrodito kɔ Filipi (2.19-30)Nkyerɛkyerɛ ne afotu (3.1–4.9)Akyɛde pa ho asɛde (4.10-20)Nsɛnka no awiei ne nhyira (4.21-23)