Nnwom 97 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 97

1 Awurade di hene, ma asase ani nnye;

ma akyirikyiri mpoano ahorow no nsɛpɛw wɔn ho.

2Omununkum ne sum kabii atwa no ho ahyia;

trenee ne atɛntrenee yɛ nʼahengua no fapem.

3Ogya di nʼanim

na ɛhyew nʼatamfo wɔ afanan nyinaa.

4Nʼanyinam hyerɛn wiase;

asase hu na ne ho popo.

5Mmepɔw nan sɛ nku wɔ Awurade anim,

Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.

6Ɔsoro pae mu ka ne trenee kyerɛ

na aman nyinaa hu nʼanuonyam.

7Ahonisomfo nyinaa anim agu ase,

wɔn a wɔde abosomhuhuw hoahoa wɔn ho no,

anyame nyinaa monsɔre no.

8Sion te, na ne ho sɛpɛw no

na Yuda nkuraa ani gye

Awurade, esiane wʼatɛntrenee nti.

9Wo, Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa;

wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.

10Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyi bɔne,

ɔbɔ ne nkurɔfo a wɔyɛ nokwafo no ho ban

na ogye wɔn fi amumɔyɛfo nsam.

11Hann hyerɛn wɔ atreneefo so

na anigye ba wɔn a wɔn koma mu tew no so.

12Momma mo ani nnye Awurade mu, mo a moyɛ atreneefo,

na monkamfo ne din kronkron no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help