Nnwom 39 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 39Dawid dwom.

1Mekae se, “Mɛhwɛ mʼakwan yiye

na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne;

mɛto mʼano nnareka

bere a amumɔyɛfo bɛn me yi.

2Enti meyɛɛ komm

a manka asɛm papa biara mpo

nanso mʼapinisi mu yɛɛ den.

3Me koma ho guan no wɔ me mu.

Midwinnwen no, ogya dɛwee;

afei mede me tɛkrɛma kasae se:

4“Awurade, ma minhu me nkwa awiei

ne me nna dodow;

ma minhu sɛnea me nkwa si twa mu ntɛm so.

5Woayɛ me nna sɛ nsateaa baako pɛ;

na me mfe dodow nyɛ hwee wɔ wʼani so.

Onipa nkwa yɛ ɔhome bi kɛkɛ.

6Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsuma bi kwa;

ɔhaw ne ho nanso ɔyɛ kwa;

ɔboa ahonya ano na onnim nea ɛbɛyɛ ne de.

7“Afei Awurade, dɛn na merehwehwɛ?

Mʼanidaso wɔ wo mu.

8Gye me fi me bɔne nyinaa mu;

mma mennyɛ nkwaseafo aserewde.

9Meyɛɛ komm, na mammue mʼano,

efisɛ wo na woayɛ eyi.

10Yi wʼasotwe fi me so;

wo nsa ano amanehunu amene me.

11Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho;

wosɛe wɔn ahonya te sɛ nwewee;

onipa biara yɛ ɔhome kɛkɛ.

12“Awurade, tie me mpaebɔ,

tie me sufrɛ;

nsiw wʼaso wɔ me su ho.

Me ne wo te hɔ sɛ ɔnanani,

sɛnea na mʼagyanom nyinaa te no.

13Yi wʼani fi me so na manya nkwa bio,

ansa na mafi ha a mente ase bio.”

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help