Yosua Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuYosua nhoma no ka sɛnea Israelfo dɔm a Yosua dii wɔn anim ne Kanaanfo kɔkoe, faa wɔn asase. Yosua da ne ho adi sɛ ogyidini, ɔkokodurofo, ɔsraani nimdefo a ɔwɔ honhom mu tumi nso.Nsɛm titiriw a ɛwɔ Yosua nhoma yi mu bi ne Asubɔnten Yordan twa, Yeriko sɛe, Ai ko, Onyankopɔn ne ne man Israel apam no ntimu ne Kanaan asase no kyɛ.Yosua nkradi mu no, osii no pi kyerɛɛ hia a ehia sɛ Israelfo yɛ osetie ma Onyankopɔn na wɔsom no nko ara.Emu NsɛmBɔhyɛ Asase No Sokɔ (1.1–5.12)Bɔhyɛ Asase No Sodi (5.13–12.24)Bɔhyɛ Asase No Mu Kyekyɛ (13.1–24.33)