Nnwom 79 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 79Asaf dwom.

1Ao Onyankopɔn, amanaman no atow ahyɛ wʼagyapade so;

wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi,

wɔama Yerusalem adan nnwiriwii.

2Wɔde wʼasomfo afunu ayɛ aduan

ama wim nnomaa,

na wɔde wʼahotefo nam ama asase so mmoa.

3Wɔahwie mogya agu te sɛ nsu

wɔ Yerusalem ho nyinaa,

na obiara nni hɔ a obesie awufo no.

4Yɛayɛ animtiaabude ama yɛn mfɛfo,

fɛwdi ne nsopa ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.

5 Awurade, enkosi da bɛn? Wo bo befuw afebɔɔ ana?

Wo ninkunu bɛdɛw sɛ ogya akosi da bɛn?

6Hwie wʼabufuw gu amanaman

a wonnye wo nto mu no so,

ahenni a

wɔmmɔ wo din no;

7efisɛ wɔakum Yakob

na wɔasɛe nʼatenae.

8Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn;

ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm,

na yɛwɔ ahohiahia mu.

9Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn,

wo din no anuonyam nti;

gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn

wo din nti.

10Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman ka se,

“Wɔn Nyankopɔn wɔ he?”

Yɛn anim ha ara, ma wonhu wɔ amanaman mu sɛ

wotɔ wʼasomfo mogya a wɔahwie agu no so werɛ.

11Ma nneduafo no apinisi nnu wʼanim;

fa wo basa ahoɔden no

kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.

12Awurade, ahohora a yɛn mfɛfo asum agu wo so no,

tua wɔn so ka mpɛn ason.

13Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfo, wʼadidibea nguan no,

beyi wo ayɛ daa nyinaa;

efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso,

yɛbɛkɔ so aka wʼayeyi akyerɛ.

Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sanku nne so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help