Ɔsɛnkafo 5 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Suro Onyankopɔn

1Sɛ wokɔ Onyankopɔn fi a, hwɛ wʼanammɔntu yiye. Bɛn no na tie no sen sɛ wobɛbɔ nkwaseafo afɔre, wɔn a wonnim mfomso a wɔyɛ no.

2Mpɛ ntɛm nkasa.

Mpere wo ho wɔ wo koma mu

sɛ wobɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim.

Onyankopɔn te ɔsoro

na wo de, wowɔ asase so,

enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.

3Adaeso fi adwennwen bebree mu ba,

na nsɛm dodow da adi wɔ ɔkwasea kasa mu.

4Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Onni anigye wɔ nkwaseafo mu; enti di wo bɔhyɛ so.

5Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a eye sen sɛ wobɛhyɛ bɔ na wunni so.

6Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu somfo se, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomso.” Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fuw nea woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma?

7Adaeso ne nsɛnkeka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.

Ahonya Yɛ Ahuhude

8Sɛ wuhu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntrenee ne ahofadi abɔ no a, mma eyinom nyɛ wo nwonwa, efisɛ nea ɔso sen no hwɛ no so, na nea ɔso sen wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so.

9Wɔn nyinaa fa asase no so siade; na ɔhene no ankasa nya mfuw no so mfaso.

10Nea nʼani bere sika no nnya nea ɛdɔɔso da;

na nea ɔpɛ ahonyade dodow no ani nsɔ nea onya.

Eyi nso yɛ ahuhude.

11Adetɔnnne bu so a,

saa ara na atɔfo no nso dɔɔso.

Na mfaso bɛn na nea ɛwɔ no no nya

sen sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ?

12Ɔpaani da ma nʼani kum,

sɛ wadidi amee, anaasɛ wammee,

nanso ɔdefo ahonya dodow nti

ontumi nna.

13Mahu bɔne kɛse wɔ owia yi ase:

wɔde ahode sie de haw ne wuranom,

14anaasɛ ahode fa atoyerɛnkyɛm bi so hwere

sɛ ɛbɛyɛ na wonya mma a

wɔremmɛto hwee mfa.

15Adagyaw na onipa de fi ne na yafunu mu bae,

na sɛnea ɔbae no, saa ara na ɔbɛkɔ.

Ɔremfa nʼadwumayɛ so mfaso biara a

obetumi akita wɔ ne nsa mu no nkɔ.

16Eyi nso yɛ ɔhaw kɛse:

Sɛnea onipa ba no, saa ara na ɔkɔ,

na mfaso bɛn na onya

wɔ bere a ɔyɛ adwuma ma mframa?

17Ne nna nyinaa mu no, odidi a nʼanom nyɛ no dɛ,

efisɛ abawpa, ateetee ne abufuw wɔ no so.

18Afei mihuu sɛ eye ma onipa sɛ obedidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho wɔ owia yi ase, wɔ mmere kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, efisɛ eyi ne ne kyɛfa.

19Nea ɛka ho ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma onipa bi ahonyade ne adenya, na onya ahotɔ, de anigye yɛ nʼadwuma, na ohu sɛ ne kyɛfa ne no a, ɔnkae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde.

20Ɔntaa ntena ase nnwen ne nkwanna ho, efisɛ Onyankopɔn de koma mu anigye ama no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help