Yona Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuAsiria yɛ Israelfo tamfo kɛse. Asiriaman yi de atirimɔden ne tumitraso dii Israelfo so. Onyankopɔn somaa Yona se ɔnkɔ Ninewe, a ɛyɛ Asiria kuropɔn no mu, nkɔka nkyerɛ wɔn na wɔnsakra wɔn adwene.Yona Nhoma yi ka sɛnea odiyifo yi guanee, nanso Onyankopɔn san no ma ɔkɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde no. Ɔkɔkaa asɛmpa no maa nnipa no sakraa wɔn adwene; na asotwe a anka ɛbɛba ɔman no so no paree wɔn. Yona ani annye eyi ho enti Onyankopɔn kaa nʼanim wɔ ne pɛsɛmenkominya ne ahummɔbɔ a onni no ho.Nhoma yi ma yehu Onyankopɔn dɔ, ayamye ne ayamhyehye a ɔwɔ ma ne mma nyinaa. Onyankopɔn de bɔne kyɛ, na nʼatamfo a wɔsakra wɔn adwene no, ogye wɔn nkwa.Emu NsɛmYona frɛ ne nʼasoɔden (1.1-17)Yona amanehunu ne ne gye (2.1-10)Yona kasa tia Ninewe (3.1-10)Onyankopɔn hu Ninewe mmɔbɔ (4.1-11)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help