Nnwom 144 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 144Dawid de.

1Nkamfo nka Awurade, me Botan,

nea ɔma me nsa akodi ho ntetewee,

ne me nsateaa ma ɔsa.

2Ɔyɛ mʼadɔe Nyankopɔn ne mʼabandennen,

me bammɔ ne me gyefo,

me kyɛm a mewɔ guankɔbea wɔ no mu,

ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.

3 Awurade, hena ne onipa a wʼani ku no ho

onipa ba a wudwen ne ho yi?

4Onipa te sɛ ɔhome;

ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwa mu.

5 Awurade, fi ɔsoro hɔ na sian bra fam;

fa wo nsa ka mmepɔw, na emfi wusiw.

6Soma anyinam na bɔ atamfo no hwete;

to wo mmɛmma no ma wonguan.

7Teɛ wo nsa fi ɔsoro bra fam;

gye me na yi me

fi nsu akɛse ho,

fi ananafo nsam,

8wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma,

na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

9Onyankopɔn, mɛto dwom foforo ama wo;

mɛto dwom wɔ sanku a ahama du gu so so ama wo,

10ama Ɔbaako a ɔde nkonimdi ma ahemfo,

na ogye ne somfo Dawid fi afoawerɛmfo ano.

11Gye me na yi me fi

ananafo nsam,

wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma

na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

12Afei yɛn mmabarima mmerantebere mu

bɛyɛ sɛ afifide a wɔahwɛ so yiye,

na yɛn mmabea bɛyɛ sɛ adum

a wɔasen de asiesie ahemfi.

13Yɛn asan bɛyɛ amaama;

aduan ahorow biara bɛba so.

Yɛn nguan dodow so bɛto mpem mpem,

wɔn so bɛto mpem du du wɔ yɛn mfuw so;

14yɛn anantwi bɛtwe nnesoa duruduru.

Wɔrennwiriw afasu,

yɛrenkɔ nkoasom mu,

na agyaadwotwa remma yɛn mmɔnten so.

15Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn.

Nhyira nka nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Awurade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help