2 Timoteo Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuPaulo nhoma a ɛto so abien a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo no yɛ ne nsɛm a etwa to a ɔde rekɔma ne suani ne ne dwumayɛni a ɔdɔ no no. Saa bere no na Paulo da afiase a na onim pefee sɛ wobekum no. Nea ɛmaa ne werɛ how saa bere no ne sɛ, na nnipa bebree a Kristofo bi ka ho asɔre atia ne nkyerɛkyerɛ no. Ɛno nti, Paulo kyerɛw saa krataa yi kɔhyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔmfa nnam a onsuro ɔhaw ne ɔtaa nkyerɛkyerɛ. Paulo ka sɛnea ɔkoo dennen na osoo gyidi no mu dennen nso kosii awiei, na mprempren ɔrehwɛ nkwa abotiri a ɛsɛ sɛ ne nsa ka no anim no.Emu NsɛmNkyia (1.1-2)Nnamyɛ ho nkuranhyɛ (1.3–2.26)Ahohia mu Akwankyerɛ (3.1-17)Dwuma a etwa to a ɔde hyɛɛ Timoteo nsa (4.1-8)Nsɛm a etwa to; nkradi ne nhyira (4.9-12)