Nnwom 98 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 98Dwom.

1Monto dwom foforo mma Awurade,

efisɛ wayɛ anwonwade bebree;

ne nsa nifa ne ne basa kronkron no

anya nkwagye ama no.

2 Awurade ama wɔahu ne nkwagye

na wada ne trenee adi akyerɛ amanaman no.

3Wakae nʼadɔe

ne ne nokware a odi kyerɛɛ Israelfo no;

asase ano nyinaa ahu

yɛn Nyankopɔn nkwagye.

4Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade,

momfa nnwonto nni ahurusi;

5Momfa sanku nto dwom mma Awurade,

sanku ne nnwonto nnyigyei,

6momfa torobɛnto ne adwennini mmɛn,

nteɛ mu ahosɛpɛw so wɔ Awurade, yɛn hene no anim.

7Momma po ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa nhuru so;

asase ne wɔn a wɔte so nyinaa.

8Momma nsubɔnten mmɔ wɔn nsam,

mmepɔw nka mmom nto ahurusi nnwom;

9ma wɔnto nnwom wɔ Awurade anim,

efisɛ ɔreba abebu wiase atɛn.

Ɔde trenee bebu wiase atɛn

na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help