1Mema mʼani so kyerɛ wo,
wo a wʼahengua si ɔsoro.
2Sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no,
sɛnea afenaa ani hwɛ nʼawuraa nsa no no,
saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn
kosi sɛ obehu yɛn mmɔbɔ.
3Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, hu yɛn mmɔbɔ,
na wɔabu yɛn animtiaa bebree.
4Ahomasofo fɛwdi ama yɛabrɛ dodo,
ahantanfo animtiaabu afono yɛn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
