Sakaria 10 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Awurade Bɛhwɛ Yudafo

1Mummisa Awurade hɔ nsu asusowbere mu;

ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osu ne mu ahum.

Ɔma osu tɔ ma nnipa nyinaa,

ne nnɔbae nso ma obiara.

2Ahoni no ka nnaadaasɛm,

nkɔmhyɛfo nya anisoadehu a ɛyɛ atoro;

wɔde nkontomposɛm kyerɛ dae ase,

wɔma awerɛkyekye kwa.

Enti nnipa no nenam te sɛ nguan

a wonni ɔhwɛfo na wɔhyɛ wɔn so.

3“Me bo afuw nguanhwɛfo no yiye,

na mɛtwe ntuanofo no aso.

Na Asafo Awurade bɛhwɛ

ne nguankuw a wɔyɛ Yudafi no,

na wayɛ wɔn sɛ anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.

4Tweatibo befi Yuda mu,

na ntamadan pɛe befi ne mu,

ɔsa mu tadua befi Yuda mu,

na sodifo nyinaa nso saa ara.

5Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ dɔmmarima

a wotiatia mmorɔn so dontori mu wɔ ɔko mu.

Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no nti,

wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefo no so.

6“Mɛhyɛ Yudafi den

na magye Yosefi no nkwa.

Mede wɔn besi wɔn dedaw mu

efisɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho.

Wɔbɛyɛ te sɛ nea

mempoo wɔn mpo,

na mene Awurade wɔn Nyankopɔn,

na megye wɔn so.

7Efraimfo bɛyɛ sɛ dɔmmarima,

wɔn ani begye te sɛ nea wɔanom nsa.

Wɔn mma behu na wɔn ani begye;

wobedi ahurusi wɔ wɔn koma mu wɔ Awurade mu.

8Mɛto nsa afrɛ wɔn

aboaboa wɔn ano.

Ampa ara megye wɔn bio;

wɔbɛdɔɔso sɛ kan no.

9Ɛwɔ mu, mɛhwete wɔn mu akɔ aman so,

nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so.

Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu,

na wɔbɛsan aba.

10Mede wɔn befi Misraim aba

mɛboa wɔn ano afi Asiria.

Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon,

na wɔrensen hɔ.

11Wɔbɛfa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ po mu,

nanso wobedi po asorɔkye a ehuru no so.

Nil mu nsu nyinaa bɛyow.

Asiria ahomaso nso wɔbɛbrɛ no ase

na Misraim ahempema betwa mu akɔ.

12Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade mu

na ne din mu na wɔbɛnantew,”

sɛnea Awurade se ni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help