2 Mose Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuDin Ɛksodɔs no nkyerɛase ne otukɔ a ɛyɛ Israelfo abakɔsɛm mu asɛm titiriw. Ɛkyerɛ sɛnea Israelfo tu fii Misraim asase so. Ɛhɔ na wɔyɛɛ nkoa bɛyɛ mfirihyia ahannan. Onipa titiriw a wɔka ne ho asɛm wɔ saa Nhoma yi mu ne Mose ne sɛnea odii Israelfo anim fii Misraim asase so no.Wɔakyekyɛ Ɛksodɔs mu anan: Ɔfa a edi kan no ka sɛnea woyii Israelfo fii nkoasom mu. Ɔfa a ɛto so abien ka ɔman no akwantu a wɔde kɔɔ Bepɔw Sinai so. Ɔfa a ɛto so abiɛsa nso ka Onyankopɔn ne Israelfo apam a wɔyɛɛ wɔ Bepɔw Sinai so ho asɛm. Ɔfa a ɛto so anan no ka sɛnea wosii hyiadan, siesiee mu, na wɔyɛɛ mmara a wɔnam so som Onyankopɔn no.Ɛksodɔs fa bi a ɛyɛ titiriw nso ne Mmara Nsɛm Du a yehu wɔ Ti aduonu no.Emu NsɛmIsrael Wɔ Misraim (1.1–12.36)Israel Wɔ Sare So (15.1–18.27)Israel Wɔ Sinai (19.1–40.38)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help