1 Beresosɛm Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuNhoma a edi eyi anim a ɛyɛ Ahemfo Nhoma a ɛto so abien no awiei kaa se Israel ne Yuda nyinaa kɔɔ nkoasom mu. Ɛyɛɛ bere bɔne maa Onyankopɔn nkurɔfo. Ɛno akyi na wɔkyerɛw Beresosɛm no nyinaa a abɛyɛ Beresosɛm 1 ne 2. Wɔkyerɛw de sɔn Israel abakɔsɛm so a esi Yudafo honhom mu agyapade no so dua.Beresosɛm a edi kan no yɛ 2 Samuel no ntoaso. Ɛkaakae yɛn sɛ yɛmmma yɛn werɛ mmfi sɛ yɛbɛkae tete, ahwehwɛ yɛn nkyi, ama yɛahu yɛn abɔse.Beresosɛm a edi kan yi, wɔde Adam ho asɛm na efii ase. Afei ɔbobɔɔ akunini bi din wɔ Israel abakɔsɛm mu, de sii Dawid adehyebusua no so dua. Nhoma no nkae ka Dawid a ɔyɛ Onyankopɔn nipa ho asɛm.Emu NsɛmIsrael Anato (1.1–9.44)Dawid Ahenni (10.1–29.30)