Nnwom 3 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 3Dawid dwom a ɔtoe bere a ɔreguan afi ne babarima Absalom anim.

1 Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo dɔɔso fa!

dodow no ara na wɔsɔre tia me!

2Bebree no ara ka fa me ho se,

“Onyankopɔn rennye no.”

3Nanso wo, Awurade, woyɛ nkatabo a atwa me ho ahyia

mʼanuonyam, nea Ɔpagyaw me ti.

4Meteɛ mu su frɛ Awurade,

na ogye me so fi ne bepɔw kronkron no so.

5Metɔ hɔ na meda a,

minyan bio, efisɛ Awurade ma migyina.

6Merensuro atamfo mpem mpem a

wɔatwa me ho ahyia no.

7Sɔre, Awurade!

Gye me, me Nyankopɔn!

Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye;

na tutu amumɔyɛfo se.

8 Awurade hɔ na ogye fi ba.

Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfo so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto wɔ sankuhama so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help