4 Mose Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuWɔkyerɛw nhoma yi wɔ bere a wɔkan Israelmma no huu wɔn dodow. Wɔkan Israelmma no mprenu. Ɔman no tu fii Misraim no, afe akyi na wɔkan wɔn (1.1–10.36). Mfirihyia aduasa awotwe akyi a ɔman no akyinkyin sare so na wɔrebɛhyɛn Kanaan no na wɔkan wɔn mprenu so (26.1-65).Nnipakan a wodi kan ne nea ɛto so abien ntam no, Israelfo no kɔtenaa Kades Barnea a ɛda Kanaan anafo fam. Mfirihyia bebree akyi no, wotu kɔɔ Yordan apuei fam. Amanfo no bi tenaa hɔ na bi nso kɔɔ Kanaan, a ɛyɛ Bɔhyɛ Asase no so. Esiane sɛ Israelfo yi rekɔtena ɔman foforo bi so nti, wɔhyehyɛɛ mmara ahorow bi maa wɔn (6; 15; 27; 28).Nhoma yi ka nnipa bi (Israelfo) a wɔn aba mu abu na ahokyere bebree abɔ wɔn hu ho asɛm. Wɔkasa tiaa Mose, Onyame nipa a wɔapaw no sɛ onni ɔman no anim. Israelfo asoɔden ne ntoboase a na wonni no nyinaa akyi no Onyankopɔn dɔ ne ntoboase ne mmɔborɔhunu daa adi wɔ nhoma yi mu.Emu NsɛmAkwantu No Ho Ntotoe (1.1–10.10)Anammɔntu A Edi Kan Wɔ Asase No Ho (10.11–14.45)Sare So Akyinkyinakyinkyin (15.1–21.15)Anammɔntu A Ɛto So Abien Wɔ Bɔhyɛ Asase No Ho (22.1–36.13)