Nnwom 67 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 67Dwom.

1Onyankopɔn nnom yɛn na onhyira yɛn

ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,

2na ɔmma wonhu nʼakwan wɔ asase so,

ne ne nkwagye wɔ amanaman no nyinaa mu.

3Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn;

ma nnipa nyinaa nkamfo wo.

4Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛw dwom,

efisɛ wudi nnipa no so trenee mu

na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.

5Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn;

ma nnipa nyinaa nkamfo wo!

6Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbae,

na Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ahyira yɛn.

7Onyankopɔn behyira yɛn,

na asase mmaa nyinaa besuro no.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help