Rut Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuAtemmufo bere so a na akokoakoko ne basabasayɛ bebree wɔ Israelman mu na yɛtee Rut ho abakɔsɛm yi. Rut a na ɔyɛ Moabni no waree Israelni. Akyiri no, ɔbarima no wui. Ɔdɔ nti, Rut de ne ho bataa nʼasebea Naomi ne no san kɔɔ Betlehem. Ɔde nʼasebea Nyankopɔn yɛɛ ne Nyankopɔn, dɔɔ no nso. Rut benyaa ɔbarima bi a ɔyɛ ne kunu a waka baabi no busuani Boas waree no. Rut nam saa aware yi so bɛyɛɛ Dawid nenabea ne Agyenkwa no bogya kronkron.Atemmufo no ho abakɔsɛm kyerɛ sɛ, sɛ ɔmanfo no yɛ asoɔden tia Onyankopɔn a, ɔhaw ba wɔn so. Rut nhoma no nso ma yehu nhyira a Amanamanmuni mpo a ɔde ne ho too Israel Nyankopɔn so nyae, na ɔbɛfraa ne nkurɔfo nokwafo mu.Emu NsɛmRut di Naomi nokware (1.1-22)Rut boaboa Boas afuw mu nnɔbae ano (2.1-23)Rut di Naomi nhyehyɛe so (3.1-18)Boas ware Rut (4.1-22)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help