Hosea Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuDin “Hosea” nkyerɛase ne “nkwagye.” Onyankopɔn maa odiyifo Hosea ɔyere a wɔfrɛ no Gomer a wanni no nokware. Ɔne mmarima afoforo mpo wowoe, nanso Hosea kɔfaa ne yere yi ne no bɛtenae.Nhoma yi yɛ Hosea osuahu a wɔnam so kasa kyerɛ Israel se wonnyae aguamammɔ a ɛyɛ ahonisom ne abosonsom a wɔnam so abu wɔne Onyankopɔn ntam apam no so no. Ehia sɛ wɔbɛsakra wɔn adwene na wɔasan akɔ Onyankopɔn nkyɛn.Hosea Nhoma yi kyerɛ yɛn Onyankopɔn ayamye sononko no ne asetena pa ho bɔhyɛ a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wotie atemmu ho kɔkɔbɔ na wɔsan kɔ Onyankopɔn nkyɛn no.Emu NsɛmHosea Yere Ɔkobɔfo No (1.1–3.5)Onyankopɔn Nkurɔfo Akobɔfo No (4.1–14.9)1. Israel bɔne (4.1–6.3)2. Israel asotwe (6.4–10.15)3. Onyankopɔn dɔ a ɔdɔ Israel (11.1–14.9)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help