Nnwom 34 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 34Dawid dwom a ɔtoo bere a ɔboapa dan ɔbɔdamfo wɔ Abimelek anim no na ɔpanyin no gyaa no ma ɔkɔe no akyi.

1Mede aseda bɛma Awurade bere nyinaa;

nʼayeyi wɔ mʼanom daa.

2Me kra bɛhoahoa ne ho wɔ Awurade mu;

ma amanehunufo nte na wonni ahurusi.

3Mo ne me nkamfo Awurade;

momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din!

4Mefrɛɛ Awurade na ogyee me so;

na ogyee me wɔ nea misuro nyinaa mu.

5Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn

na wɔn anim rengu ase da.

6Ohiani yi frɛe, na Awurade tiee no;

na ogyee no fii nʼahohia nyinaa mu.

7 Awurade bɔfo wɛn wɔn a wosuro no,

na ogye wɔn.

8Monka nhwɛ na munhu sɛ Awurade ye.

Nhyira ne onipa a oguan toa no.

9Munsuro Awurade, mo a moyɛ nʼahotefo,

na wɔn a wosuro no no nhia hwee.

10Gyata yɛ mmerɛw na ɔkɔm de wɔn,

nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, ade pa biara remmɔ wɔn.

11Mommra, me mma, monyɛ aso mma me;

mɛkyerɛkyerɛ mo Awurade ho suro.

12Mo mu hena na ɔpɛ nkwa

na ɔpɛ sɛ ohu nna pa bebree?

13Ɛne ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa.

14Twe wo ho fi bɔne ho, na yɛ papa;

hwehwɛ asomdwoe na tiw no.

15 Awurade ani wɔ atreneefo so

na otie wɔn mpaebɔ;

16 Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne,

sɛ obeyi wɔn nkae afi asase yi so.

17Atreneefo teɛ mu su, na Awurade tie wɔn;

oyi wɔn fi wɔn haw nyinaa mu.

18 Awurade bɛn wɔn a wɔn koma abotow

na ogye wɔn a wɔadwerɛw wɔn wɔ honhom mu no nkwa.

19Onipa trenee behu amane bebree

nanso Awurade gye no fi ne nyinaa mu;

20ɔbɔ ne nnompe nyinaa ho ban,

sɛnea mu baako mpo mu remmu.

21Bɔne bekum ɔdebɔneyɛni;

ɔtreneeni atamfo benya afɔbu.

22 Awurade gye nʼasomfo nkwa;

wɔn a woguan toa no no mu biara renkɔ afɔbu mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help