2 Tesalonikafo Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuPaulo kyerɛw krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no, ankyɛ biara na ɔkyerɛw nea ɛto so abien yi. Na atoro akyerɛkyerɛfo bi ka se Kristo ba a ɛto so abien no, waba dedaw. Eyi maa basabasa sii asafo no mu. Nnipa pii gyaee adwumayɛ dii anihaw. Paulo kyerɛw krataa yi kaa wɔn anim wɔ anihaw a wɔredi no ho. Ɔkyerɛkyerɛ faa owusɔre ho. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran se wonso gyidi no mu dennen na wɔnhwɛ Kristo ba a ɛto so abien no anim.Emu NsɛmNkyia (1.1-2)Paulo da ase bɔ mpae ma asafo no (1.3-12)Kristo ba a ɛto so abien (2.1-17)Nkyerɛkyerɛ ahorow (3.1-15)Nhyira ne nkradi (3.16-18)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help