Nnwom 77 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 77Asaf dwom.

1Misu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa;

misu mefrɛɛ no sɛ ontie me.

2Bere a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade;

metrɛw me nsa a ɛmpa abaw mu anadwo

na me kra ampene sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ.

3Onyankopɔn mekaee wo, na misii apini;

medwenee, na me honhom tɔɔ beraw.

4Woamma mʼani ankum;

amanehunu dodow nti, mantumi ankasa.

5Medwenee nna a atwam no ho,

teteete mfe no ho;

6mekaee me nnwom a na meto no anadwo.

Me koma dwenee ho na me honhom bisae se:

7“Enti, Awurade bɛpo yɛn daa?

Ɔrenhu yɛn mmɔbɔ bio ana?

8Nʼadɔe a ɛnsa da atu ayera koraa ana?

Na ne bɔhyɛ no, amma mu koraa ana?

9Onyankopɔn werɛ afi sɛ ɔbɛyɛ mmɔborɔhunufo ana?

Ɔde abufuw atwe nʼayamhyehye no asan ana?”

10Afei misusuwii se, “Eyi de, mɛsrɛ:

mfe a Ɔsorosoroni no teɛɛ ne nsa nifa mu no.”

11Mɛkae nneɛma a Awurade ayɛ;

yiw, mɛkae wo tete anwonwade no.

12Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho

na masusuw wo nneyɛe akɛse nyinaa ho.

13Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronkron.

Onyame bɛn na ɔso sɛ yɛn Nyankopɔn?

14Wone Onyankopɔn a woyɛ anwonwade;

wokyerɛ wo tumi wɔ aman mu.

15Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfo,

Yakob ne Yosef asefo no.

16Onyankopɔn, nsu no huu wo,

nsu no huu wo na wɔpopoe;

bun no mpo ho wosowee.

17Omununkum tɔɔ nsu,

aprannaa gyigyee wɔ ɔsoro;

na wo bɛmma paa gya dii akɔneaba.

18Wʼaprannaa bobɔɔ mu wɔ mfɛtɛ no mu,

wʼanyinam hyerɛn wiase;

asase popoe, na ɛwosowee.

19Wode wo kwan faa po mu,

wode faa nsu kɛse mu,

nanso wɔanhu wʼanammɔn.

20Wonam Mose ne Aaron abasa so,

dii wo nkurɔfo anim sɛ nguankuw.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help