Yesaia 19 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Misraim

1Nkɔmhyɛ a ɛfa Misraim ho:

Monhwɛ! Awurade nam ahoɔhare omununkum mu

na ɔreba Misraim.

Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim,

na Misraimfo koma botow wɔ wɔn mu.

2“Mɛma Misraimfo atwa wɔn ho ako,

onua bɛko atia onua,

ɔyɔnko atia ɔyɔnko,

kuropɔn atia kuropɔn,

ahenni atia ahenni.

3Misraimfo no rennya abodwo,

na mɛma wɔn nhyehyɛe ayɛ ɔkwa.

Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufo ahonhom,

samanfrɛfo ne nkonyaayifo nkyɛn.

4Mede Misraim bɛhyɛ

owura tirimuɔdenfo tumi ase,

na ɔhene a ɔyɛ keka bedi wɔn so,”

sɛnea Asafo Awurade se ni.

5Nsubɔnten mu nsu bɛyow,

na konkɔn bɛwo ayɛ wosee.

6Nsuka beyi hua;

na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na ayow.

Demmire ne sare bekisakisa,

7Nil nsunoa nnua nso,

nea ɛwɔ asubɔnten no abɔe no.

Nil nsunoa so mfuw nyinaa

bɛwo wosee na awu koraa.

8Apopofo nyinaa besi apini atwa adwo,

wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa;

wɔn a wogu asau wɔ nsu no so

bedi awerɛhow.

9Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bebu,

wɔn a wɔnwen nwera no anidaso bɛsa.

10Wɔn a wɔyɛ ntama ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ

na wɔn a wogye akatua nyinaa koma bɛbotow.

11Soan adwumayɛfo nka hwee sɛ nkwaseafo;

Farao agyinatufo anyansafo ma afotu bɔne.

Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao se,

“Meyɛ anyansafo no mu baako,

tete ahemfo no kyidifo?”

12Wʼanyansafo no wɔ he afei?

Ma wɔnkyerɛ wo na ma wonhu

nea Asafo Awurade

ahyehyɛ atia Misraim.

13Soan adwumayɛfo abɛyɛ nkwaseafo,

wɔadaadaa Memfis akwankyerɛfo

ne nnipa no ntuano

ama Misraim afom kwan.

14 Awurade ahwie

anisobiri honhom agu wɔn mu;

wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu,

te sɛ nea ɔsabowfo tɔ ntintan wɔ ne fe ho no.

15Biribiara nni hɔ a Misraim betumi ayɛ,

sɛ eti anaa ɛto, abɛ anaa demmire.

16Saa da no, Misraimfo bɛyɛ sɛ mmea, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo.

17Na Yuda asase no bɛma Misraimfo abɔ hu, obiara a ɔbɛte Yuda din no besuro, esiane nea Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn nti.

18Saa da no, Misraim nkurɔpɔn anum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu ɔbaako se Ɔsɛe Kuropɔn.

19Saa da no, wobesi afɔremuka wɔ Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaedum wɔ ne hye so nso ama Awurade.

20Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne adansede ama Asafo Awurade wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofo nti wosu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ogyefo ne bammɔni, na obegye wɔn.

21Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfo, na saa da no wobehu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuan bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so.

22Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yare. Wɔbɛdan akɔ Awurade nkyɛn, na obetie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yare.

23Saa da no, ɔtempɔn befi Misraim ne Asiria. Asiriafo bɛkɔ Misraim na Misraimfo akɔ Asiria. Misraimfo ne Asiriafo bɛbɔ mu asom.

24Saa da no Israel bɛto Misraim ne Asiria so sɛ abiɛsa, a ayɛ nhyira wɔ asase so.

25Na Asafo Awurade behyira wɔn, aka se, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfo, Asiria me nsa ano adwuma ne Israel mʼagyapade.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help