Nnwom 25 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 25Dawid dwom.

1 Awurade, me Nyankopɔn, wo mu na mede me werɛ hyɛ.

2Wo so, me Nyankopɔn, na mede me ho to,

mma mʼanim ngu ase,

na mma mʼatamfo nso nni me so nkonim.

3Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara

anim rengu ase da,

mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye kwa no

anim begu ase.

4Kyerɛ me wʼakwan, Awurade,

na minhu wʼatempɔn.

5Fa wo nokware no so kyerɛkyerɛ me,

efisɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefo,

na mʼani da wo so daa nyinaa.

6Kae, Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛse

a ɛwɔ hɔ fi tete no.

7Nkae me mmabun bere mu bɔne

ne mʼatuatew akwan;

kae me sɛnea wʼadɔe te,

Awurade, efisɛ wuye.

8 Awurade ye na ɔteɛ;

enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfo nʼakwan.

9Ɔde ahobrɛasefo fa ɔkwan pa so

na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛde.

10 Awurade akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokwaredi

ma wɔn a wodi nʼapam mu ahyɛde so.

11 Awurade, me bɔne so de,

nanso wo din nti, fa kyɛ me.

12Enti hena ne onipa a osuro Awurade?

Ɔbɛkyerɛ no ɔkwan a wabɔ ama no.

13Obedi yiye wɔ ne nkwanna mu,

na nʼasefo afa asase no sɛ wɔn agyapade.

14 Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wosuro no;

na ɔma wohu nʼapam.

15Mʼani da Awurade so daa,

efisɛ ɔno nko ara na obeyi mʼanan afi afiri mu.

16Dan wʼani hwɛ me, na dom me,

efisɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ.

17Me koma mu dadwen adɔɔso;

yi me dadwen fi me so.

18Hwɛ me haw ne mʼahohiahia

na yi me bɔne nyinaa fi me so.

19Hwɛ sɛnea mʼatamfo adɔɔso

ne ɔtan kɛse a wɔde tan me!

20Bɔ me nkwa ho ban na gye me;

mma mʼanim ngu ase,

efisɛ me guankɔbea ne wo.

21Ma trenee ne nokware mmɔ me ho ban,

efisɛ mʼani da wo so.

22Gye Israel, Onyankopɔn,

fi wɔn haw nyinaa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help