Nnwom 118 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 118

1Monna Awurade ase efisɛ oye,

na nʼadɔe wɔ hɔ daa.

2Momma Israel nka se,

“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”

3Momma Aaronfi nka se,

“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”

4Momma wɔn a wosuro Awurade nka se,

“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”

5Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade;

ogyee me so, na ɔma me dee me ho.

6 Awurade ne me boafo; enti merensuro.

Dɛn na onipa betumi ayɛ me?

7 Awurade ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me boafo.

Mede nkonimdi bɛhwɛ mʼatamfo.

8Eye sɛ yebehintaw wɔ Awurade mu,

sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa so.

9Eye sɛ yebehintaw Awurade mu,

sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.

10Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiae,

nanso Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.

11Wotwaa me ho hyiaa wɔ baabiara,

nanso Awurade din mu, mitwitwaa wɔn gui.

12Wɔkyere guu me so sɛ nnowa,

nanso wɔhyew ntɛm so sɛ nsɔe a ogya atɔ mu;

Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.

13Wosum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase,

nanso Awurade boaa me.

14 Awurade yɛ mʼahoɔden ne me bammɔ;

wayɛ me nkwagye.

15Osebɔ ne nkonimdi

gyigye wɔ atreneefo ntamadan mu se,

“Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!

16Wɔama Awurade nsa nifa so;

Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!”

17Merenwu, mmom mɛtena ase

na mapae mu aka nea Awurade ayɛ.

18 Awurade atwe mʼaso dennen,

nanso onyaa me mmaa owu ɛ.

19Bue trenee apon ma me;

na mɛhyɛn mu na mede aseda ama Awurade.

20 Awurade ponkɛse ni;

ɛhɔ na atreneefo bɛfa ahyɛn mu.

21Mɛda wo ase, efisɛ wugyee me so;

na woayɛ me nkwagye.

22Ɔbo a adansifo no poe no,

abɛyɛ tweatibo.

23 Awurade na wayɛ eyi,

na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so.

24Nnɛ yɛ da a Awurade ayɛ.

Momma yɛn ani nnye na yenni ahurusi.

25 Awurade, gye yɛn nkwa;

Awurade, ma yɛn nkonimdi.

26Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba.

Yehyira wo fi Awurade fi.

27 Awurade yɛ Onyankopɔn,

na wama ne hann ahyerɛn yɛn so.

Momfa nnua mman nkura na yɛnto afɔrebɔ santen

nkɔ afɔremuka no mmɛn ho.

28Woyɛ me Nyankopɔn na meyi wo ayɛ;

wone me Nyankopɔn na mɛma wo so.

29Monna Awurade ase, efisɛ oye;

na nʼadɔe wɔ hɔ daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help