Nnwom 107 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NHOMA A ƐTO SO ANUM Nnwom 107–150Dwom 107

1Monna Awurade ase na oye;

na nʼadɔe wɔ hɔ daa.

2Momma wɔn a Awurade agye wɔn nka saa,

wɔn a wagye wɔn afi ɔtamfo nsam no;

3wɔn a ɔboaboaa wɔn ano fii nsase so no,

efi apuei kosi atɔe, atifi kosi anafo.

4Ebinom kyinkyinii wɔ nsase pradada so,

a wɔanhu ɔkwan ankɔ kuropɔn no mu, faako a wobetumi anya atenae.

5Ɔkɔm ne osukɔm dee wɔn

na wɔtotɔɔ beraw.

6Afei wosu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu,

na ogyee wɔn fii wɔn ahohiahia mu.

7Ɔde wɔn faa ɔkwan tee so

baa kuropɔn a wotumi tena mu no mu.

8Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da

ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho,

9ɔma wɔn a osukɔm de wɔn nsu

na ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɔkɔm de wɔn ma.

10Ebinom tenaa sum ne awerɛhow mu,

nneduafo a wɔde dade nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn,

11efisɛ wɔatew Onyankopɔn nsɛm ho atua

na wɔabu Ɔsorosoroni no agyinatu animtiaa.

12Enti ogyaa wɔn maa adwumaden;

wohintihintiwii, na wɔannya ɔboafo.

13Afei wosu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu,

na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.

14Oyii wɔn fii sum ne awerɛhow mu,

na obubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.

15Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da

ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho,

16efisɛ obubu kɔbere mfrafra apon

na otwitwa nnadeban mu.

17Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafo, wɔn atuatew nti,

na wohuu amane, wɔn nnebɔne nti.

18Wokyii aduan nyinaa

na wotwiw bɛnee owu pon ano.

19Afei wosu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu

na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.

20Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yare;

na ogyee wɔn fii ɔda mu.

21Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da

ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho.

22Momma wɔmmɔ aseda afɔre

na wɔmfa ahurusi nnwom nka ne nnwuma ho asɛm.

23Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ po so;

wɔyɛ aguadifo wɔ nsu akɛse so.

24Wohuu Awurade nnwuma,

nʼanwonwade a ɛwɔ bun mu.

25Ɔkasa maa ahum tui

na ekukuru asorɔkye.

26Wokukuru kɔɔ ɔsorosoro na wosian kɔɔ bun mu tɔnn;

wɔn amanehunu mu no wɔn koma tui.

27Wokyim totɔɔ ntintan sɛ asabowfo;

na wonhu nea wɔnnyɛ bio.

28Afei wosu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu,

na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.

29Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn;

po so asorɔkye ano brɛɛ ase.

30Wɔn ani gyei, bere a ɛyɛɛ dinn no,

na ɔkyerɛɛ wɔn ɔkwan de wɔn koduu gyinabea a wɔpɛ.

31Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da

ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho.

32Wɔmma no so wɔ asafo no mu

na wɔnkamfo no wɔ mpanyimfo nhyiamu ase.

33Ɔdan nsubɔnten maa no yɛɛ sare,

asuten yɛɛ asase wosee,

34na asasebere dan nkyenenkyene,

wɔn a wɔte asase no so amumɔyɛ nti.

35Ɔdan sare so maa no yɛɛ nsuwansuwa

na nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ nsuten anan mu;

36Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɔkɔm de wɔn kɔsoɛe,

na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu.

37Wɔyɛɛ mfuw ne bobe nturo

na ɛmaa wɔn nnɔbae bebree.

38Ohyiraa wɔn na wɔn ase dɔe.

Wamma wɔn nyɛmmoa dodow so anhuan.

39Afei wɔn dodow so huanee

na nhyɛso, amanehunu ne awerɛhow brɛɛ wɔn ase;

40nea obu abirɛmpɔn animtiaa no

ma wokyinkyin asase kesee a ɔkwan nni hɔ so.

41Nanso ɔmaa ahiafo so fii wɔn ahohia mu

na ɔmaa wɔn mmusua dɔɔ sɛ nguankuw.

42Atreneefo hu ma wɔn ani gye,

nanso amumɔyɛfo nyinaa mua wɔn ano.

43Momma nea ɔyɛ onyansafo no mmu eyinom,

na onsusuw Awurade adɔe kɛse no ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help