1Afei, Balaam huu sɛ ɛsɔ Awurade ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛnea ɔtaa yɛ no; mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ sare no so.
2Bere a Balaam huu sɛ Israelfo no abobɔ wɔn atenae sɛnea wɔn mmusuakuw te no, Onyankopɔn honhom baa ne so,
3na eyi ne nkɔmhyɛ a ɔmae:
“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,
nkɔmhyɛ a efi obi a nʼani hu ade yiye,
4nea ɔte Onyankopɔn nsɛm nkɔmhyɛ;
nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ;
na ɔda fam, a nʼani hu ade:
5“Yakob, mo ntamadan yɛ fɛ,
Israel, mo atenae yɛ ahomeka!
6“Ɛtrɛtrɛw sɛ abon,
sɛ nturo a ɛwɔ asubɔnten ho.
Wɔte sɛ pɛprɛ a Awurade adua,
te sɛ sida a esisi nsu ho.
7Nsu bɛsen afi wɔn ahina mu.
Wɔn aba benya nsu ama aboro so.
“Wɔn hene bɛyɛ kɛse asen Agag;
wɔn ahenni bɛkorɔn.
8“Onyankopɔn de wɔn fii Misraim na ɛbae;
wɔwɔ ahoɔden sɛ wuram nantwi.
Wɔsɛe atirimɔdenfo aman
na wobubu wɔn nnompe mu asinasin,
wɔde wɔn bɛmma wowɔ wɔn.
9Wobutuw da sɛ gyata;
te sɛ gyatabere, hena na obetumi agyigye wɔn?
“Wobehyira wɔn a wohyira wo,
na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”
10Balak bo fuw Balaam. Ɔbɔɔ ne nsam guu ne so kae se, “Mefrɛɛ wo se bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mprɛnsa yi nyinaa.
11Fi ha kɔ wo nkyi ntɛm! Mekae se mɛkyɛ wo ade a ɛsom bo nanso, Awurade amma woannya akyɛde no.”
12Balaam buaa no se, “So manka ankyerɛ abɔfo a wosomaa wɔn baa me nkyɛn no se,
13‘Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa koraa a, minni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade ahyɛde, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ Mmom nea Awurade aka no nko ara na ɛsɛ sɛ meka.
14Afei, meresan akɔ me nkurɔfo nkyɛn. Nanso ma menka nea Israelfo no bɛyɛ wo nkurɔfo no daakye no nkyerɛ wo.”
Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Anan15Eyi ne nkɔmhyɛ a Balaam de mae:
“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,
nkɔmhyɛ a efi ɔbarima a nʼani hu ade yiye,
16nea ɔte Onyankopɔn nsɛm no nkɔmhyɛ,
nea ɔwɔ nimdeɛ a efi Ɔsorosoroni no hɔ,
nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ,
na ɔda fam, a nʼani hu ade no:
17“Mihu no, nanso ɛnyɛ mprempren;
mehwɛ no, nanso ɔmmɛn.
Nsoromma bepue afi Yakob mu;
ahempema bepue afi Israel mu.
Ɔbɛdwerɛw Moabfo ti,
Moabfo nyinaa tikora.
18Wɔbɛfa Edom,
na Seir a ɔyɛ ne tamfo no, wobedi ne so nkonim,
na Israel bɛkɔ so ayɛ den.
19Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu
ɔno na ɔbɛsɛe kurow no mu nkaefo.”
Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Anum20Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfo na ɔhyɛɛ nkɔm:
“Amalek na na ɔyɛ aman nyinaa abakan,
nanso nʼawiei bɛyɛ ɔsɛe pasaa.”
Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Asia21Afei, ohuu Kenifo, na ɔhyɛɛ ne nkɔm:
“Mo atenae wɔ bammɔ,
wɔanwen mo berebuw wɔ abotan mu;
22Nanso wɔbɛsɛe mo Kenifo
bere a Asur fa mo nnommum no.”
Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Ason23Afei ɔhyɛɛ ne nkɔm:
“Aa! Sɛ Onyankopɔn yɛ sɛɛ a, hena na ɔbɛtena nkwa mu?
24Ahyɛn befi Kipro mpoano aba;
wobedi Eber ne Asur so.
Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”
25Afei, Balaam sɔree na ɔsan kɔɔ ne kurom, na Balak nso kɔɔ ne kwan.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.