Daniel Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuWɔkyerɛw Daniel Nhoma yi bere a na Israelfo hyɛ ɔhene bi a na onnim Onyankopɔn ase. Daniel huu sɛ na onni nʼahofadi bebree, na ahonisomfo nso atwa ne ho ahyia. Anka ɛsɛ sɛ ɔpa ne Nyame, nanso Daniel ɔkokodurofo yi soo ne gyidi a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu dennen. Ohuu sɛ Onyankopɔn yɛ Otumfo, na ɔyɛ ne nhyehyɛe ma ɔman ne obiara.Daniel Nhoma yi ka Nebukadnessar ko a ɔko faa Yerusalem ne Daniel ne ne nnamfonom baasa ne Belsasar a osii Nebukadnessar anan dii ade sɛ ɔhene. Nhoma yi de Daniel anisoadehu ahorow a onyaa wɔ Belsasar, Dario ne Sirus mmere so na ewie.Emu NsɛmDaniel Abrabɔ (1.1–6.28)Daniel Anisoadehu (7.1–12.13)