Hiob 24 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

1“Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛ bere mma atemmu?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wonim no no hwɛ saa da no anim nanso ɛmma da?

2Nnipa yiyi abo a wɔde ato ɔhye;

na wɔde nguankuw a wɔawia kɔ hɔ adidi.

3Wɔpam ayisaa mfurum

na wogye akunafo anantwi sɛ awowaside.

4Wosum ahiafo fi kwan so

na wɔhyɛ asase no so ahiafo ma wɔkɔtetɛw.

5Sɛnea sare so mfurum yɛ no

saa ara na ahiafo no yɛ wɔn adwuma de pɛ aduan;

asase kesee no so na wonya aduan ma wɔn mma.

6Wɔboaboa mmoa aduan ano wɔ mfuw no so

na wodi mpɛpɛ wɔ amumɔyɛfo bobe nturo mu.

7Wonni ntama, na wɔda adagyaw anadwo;

wonni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔw mu.

8Mmepɔw so osu tɔ fɔw wɔn kyam

na wɔtetare abotan no ho, efisɛ wonni nnae.

9Wɔtew ayisaa fi nufu ano;

na wɔfa ohiani abotafowa de si ne ka anan mu.

10Wɔnenam adagyaw a wonni ntama;

wɔsoa awi afiafi, nanso ɔkɔm de wɔn ara.

11Wokyi ngo wɔn adan mu;

wotiatia nsakyiamoa mu, nanso osukɔm de wɔn.

12Wɔn a wɔrewuwu no apinisi fi kuropɔn no mu,

na apirafo kra su pɛ mmoa.

Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.

13“Ebinom wɔ hɔ a wɔsɔre tia hann no,

wɔn a wonnim nʼakwan

anaasɛ wɔnnantew nʼatempɔn so no.

14Sɛ adekyee hann no kɔ a, owudifo no sɔre

na okum ohiani ne mmɔborɔni;

anadwo, mu owiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfo.

15Ɔwaresɛefo twɛn bere a anim rebiribiri;

ɔka se, ‘obiara renhu me,’

na ɔde nʼanim hintaw.

16Sum mu na nnipa bubu apon wura afi mu,

na adekyee, wɔtoto wɔn ho apon mu;

wɔne hann nni hwee yɛ.

17Sum kabii yɛ adekyee ma wɔn nyinaa;

wɔne sum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo.

18“Nanso wɔte sɛ ahuru a ɛte nsu ani;

wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so,

enti obiara nkɔ bobe nturo no mu.

19Sɛnea ɔhyew ne ɔpɛ hwim sukyerɛmma a anan kɔ no,

saa ara na ɔda de wɔn a wɔayɛ bɔne kɔ ne no.

20Awotwaa werɛ fi wɔn,

na osunson di wɔn nam;

nnipa bɔne de wɔnnkae wɔn bio

na mmom wobubu te sɛ dua.

21Wɔde ɔbea bonin a onni ba yɛ hanam,

na wonhu akunafo mmɔbɔ.

22Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfo kɔ;

ɛwɔ mu sɛ wonya asetena pa de, nanso wonni nkwa ho bɔhyɛ.

23Otumi ma wɔn tena ase asomdwoe mu,

nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.

24Wɔma wɔn so bere tiaa bi, na afei wonni hɔ bio;

wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa;

wotwitwa wɔn gu te sɛ aburow ti.

25“Sɛ eyi nte saa a, hena na obetumi agye me akyinnye

na ama nea maka no ayɛ nsɛnhunu?”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help