2 Mose 35 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Homeda Ho Mmara

1Afei, Mose frɛɛ Israelmma nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne Awurade mmara a ɛsɛ sɛ mudi so.

2Monyɛ adwuma nnansia. Na da a ɛto so ason no de, momfa nhome; ɛyɛ da kronkron a ɛsɛ sɛ mode som Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, ɛsɛ sɛ wokum no.

3Da no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afi mu.”

4Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Nsɛm a Awurade ahyɛ sɛ monyɛ ni:

5Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔde yi mu biara mmrɛ Awurade:

“Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae;

6ntama a wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan ayɛ ne

abirekyi nwi,

7odwennini nwoma a wɔahyɛ no aduru kɔkɔɔ ne abirekyi nwoma a wɔahyɛ,

ɔkanto dua;

8ngo a wɔde begu akanea no mu, ɔhyew nnuhuam a wɔde bɛyɛ ɔsrango ne;

ɔhyew aduhuam;

9abo a ɛte sɛ apopobibiri ne abo a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo no mu.

10“Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribiyɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ nea Awurade aka no nyinaa te sɛ:

11“Ahyiae Ntamadan no so ntama ne ne nkataso, nkɔtɔkoro, mpuran nnua a esisi mu, adum ne nnyinaso;

12Apam Adaka no ne nnua a esisi ho; Mpata agua ntwamtam a ɛkata kronkronbea hɔ,

13ɔpon ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Ɔkyerɛ Brodo;

14akanea nnua ne nʼakanea ne ngo;

15aduhuam afɔremuka ne nnua a wɔde bɛsoa; ɔsrango ne aduhuam a eyi hua pa,

nsɛnanim a wɔde bɛsɛn Ahyiae Ntamadan no pon ano;

16kɔbere Afɔremuka a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre, kɔbere ntwitae ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma,

ne nea wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaamu,

17adiwo hɔ no ntwamtam, adum ne ne nnyinaso, ntama a wɔde bɛkata adiwo hɔ kwan ano,

18Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ nnua ne ne ntampehama,

19asɔfotade a ɛyɛ fɛ a ɔsɔfo no bɛhyɛ asɔre wɔ kronkronbea hɔ ne Aaron ntade kronkron a sɛ ne mmabarima no yɛ asɔfodwuma a, wɔbɛhyɛ bi.”

20Na Israelmma nyinaa fii Mose anim,

21na wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn koma no de wɔn akyɛde a wɔde besi Ahyiae Ntamadan no ne ɛho nneɛma ne nea wɔde bɛpam atade kronkron no bae.

22Mmea ne mmarima a asɛm no kaa wɔn koma no nyinaa bae. Wɔde sikakɔkɔɔ, agude, nsonkaa, nkaa, kɔnmuade ne sika adwinne bebree brɛɛ Awurade.

23Wɔn a wɔwɔ ntama pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibiri, abirekyi nwoma a wɔahyɛ, odwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nwoma a ɛyɛ fɛ nso de bae.

24Afoforo nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ Awurade sɛ wɔn akyɛde. Ebinom de ɔkanto nnua nso bae.

25Mmea no bi a wonim adepam yiye no too asaawa tuntum, bibiri ne koogyan de yɛɛ ntama a ɛyɛ fɛ de brɛɛ Awurade.

26Afoforo nso de anigye nam wɔn dom akyɛde so de abirekyi nwi yɛɛ ntama.

27Mpanyimfo a wodi wɔn anim no de abo a ɛte sɛ apopobibiri bae sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo.

28Wɔde nnuhuam ne ngo a wɔde begu akanea mu ne nea wɔde bɛfra ɔsrango no ne nnuhuam no ama adi mu no nso bae.

29Eyi di ho adanse sɛ Israel mmarima ne mmea a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadi a Awurade nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no fi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛde brɛɛ no.

30Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Awurade ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ofi Yuda abusua mu nena

31no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde besi Ahyiae Ntamadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu.

32Obetumi adi adwinni afi sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu.

33Obetumi adi abo adwinni na obetumi asen nnua nso; nokware mu, ɔwɔ ɔdom akyɛde bebree.

34Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ofi Dan abusuakuw mu babarima ɔdom akyɛde a wɔnam so kyerɛ afoforo ade.

35Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛde sononko sɛ adwumfo, duadwumfo, adenwenfo a wotumi nwen nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntama pa a ɛyɛ tuntum, bibiri ne koogyan mu. Wonim saa adwinne yi nyinaa di ma ɛboro so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help