Marko Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuNa Marko yɛ abrantewa a nʼadamfo pa ara ne Petro a, na ɔyɛ Yesu asuafo no mu baako no. Na nsɛm a ɔkyerɛw no yɛ nsɛm a Petro ka kyerɛɛ no fa Yesu abrabɔ ho no. Wankyerɛw biribiara amfa Yesu abusuadua, nʼawo ne ne mmofraase ho. Afei nso, wanka nsɛm a Yesu kaa no ho nsɛm pii na mmom, dwuma a Yesu dii no titiriw na ɔkaa ho nsɛm. Ɔkyerɛw nsɛm bebree faa Yudafo amanne ho a ɛkyerɛ sɛ, wɔkyerɛw saa nhoma yi maa wɔn a wɔnyɛ Yudafo.Emu NsɛmYesu fi ne nkyerɛkyerɛ ase, (1.1-13)Yesu nkyerɛkyerɛ a edi kan wɔ Galilea, (1.14–3.6)Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛto so abien wɔ Galilea, (3.7–7.23)Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛto so abiɛsa wɔ Galilea, (7.24–9.50)Yesu fi Galilea kɔ Yerusalem, (10.1-52)Yesu wɔ Yerusalem, nʼamanehunu ne ne wu, (11.1–16.8)Owusɔre ne Yesu ho adiyisɛm, (16.9-20)