Nnwom 27 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 27Dawid dwom.

1 Awurade ne me hann ne me nkwagye;

hena na minsuro no?

Awurade ne me nkwa ahoɔden,

na hena anim na me ho mpopo?

2Sɛ nnipa bɔne bɔ toa me

pɛ sɛ wokum me,

sɛ mʼatamfo tow hyɛ me so a,

wobehintihintiw ahwehwe ase.

3Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a,

me koma rentu;

mpo sɛ wotu me so sa a,

ɛno mu koraa na minya awerehyɛmu.

4Ade baako na mibisa Awurade;

na ɛno na mehwehwɛ;

sɛ mɛtena Awurade fi

me nkwanna nyinaa,

na mahwɛ Awurade ahoɔfɛ

na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefi.

5Hiada mu no,

ɔde me besie nʼatenae dwoodwoo;

ɔbɛkora me wɔ Ahyiae Ntamadan kronkron mu

ɔde me si ɔbotan so wɔ sorosoro.

6Afei ɔbɛma me ti so

wɔ atamfo a wɔatwa me ho ahyia no so;

mede anigye bɛbɔ afɔre wɔ nʼAhyiae Ntamadan mu;

na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade.

7 Awurade, sɛ misu frɛ wo a, tie me!

Hu me mmɔbɔ na gye me so!

8Me koma ka wɔ wo ho se, “Hwehwɛ nʼanim!”

Wʼanim, Awurade na mɛhwehwɛ.

9Mfa wʼanim nhintaw me,

mfa abufuw mpam wo somfo

me boafo ne wo.

Mpo me, na nnyaw me,

mʼAgyenkwa Nyankopɔn.

10Mʼagya ne me na begyaw me hɔ de,

nanso Awurade begye me.

11Kyerɛ me wʼakwan, Awurade;

fa me fa ɔkwan tee so,

me nhyɛsofo nti.

12Nnyaa me mma sɛnea mʼatamfo pɛ,

nnansekurumfo sɔre tia me

na wopuw awurukasɛm.

13Meda so wɔ saa anidaso yi sɛ:

mehu Awurade ayamye

wɔ ateasefo asase so.

14Twɛn Awurade.

Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru

na twɛn Awurade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help