Nnwom 57 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 57Dawid dwom a ɔtoo bere a oguan fii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu.

1Hu me mmɔbɔ, me Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ,

na wo mu na me kra nya guankɔbea.

Wo ntaban nwini ase na mɛpɛ guankɔbea

kosi sɛ amanehunu no betwa mu.

2Misu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no;

Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.

3Ɔsoma fi ɔsoro hɔ begye me nkwa,

ɔka wɔn a wɔtaa me anibere so no anim;

Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokware.

4Gyata atwa me ho ahyia;

meda mmoa a wɔwe nam amono mu,

nnipa a wɔn se te sɛ mpeaw ne mmɛmma

na wɔn tɛkrɛma te sɛ afoa a ɛyɛ nnam.

5Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro,

na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so.

6Wɔtrɛw asau mu de sum mʼanan afiri,

ahohiahia brɛɛ me ase.

Wotuu amoa wɔ me kwan mu,

nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.

7Ao, Onyankopɔn, me koma agyina pintinn,

me koma yɛ pintinn;

mɛto dwom na mayi wo ayɛ.

8Me kra nyan!

Sanku ne bɛnta, munnyan!

Me nso menyan anɔpahema.

9 Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman no mu;

mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa mu.

10Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro;

wo nokwaredi du wim.

11Ao, Onyankopɔn, wɔmma wo so mmoro ɔsoro;

ma wʼanuonyam nkata asase nyinaa so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” sanku nne so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help