Hesekiel 28 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Nkɔmhyɛ A Etia Tirohene

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

2“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Wufi wʼahantan koma mu ka se,

“Meyɛ onyame;

mete onyame bi ahengua so

wɔ po mfimfini.”

Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame,

ɛwɔ mu, wudwen sɛ wunim nyansa sɛ onyame bi.

3Wunim nyansa sen Daniel ana?

Wunim kokoamsɛm biara ana?

4Wonam wo nyansa ne nhumu so

anya ahode ama wo ho,

woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree

agu wʼadekoradan mu.

5Wonam wʼaguadi mu nyansa so

ama wʼahonya adɔɔso,

na wʼahonya nti

woahoran wɔ wo koma mu.

6“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Esiane sɛ wudwen sɛ wunim nyansa

te sɛ Onyame nti,

7mede ananafo reba abetia wo,

amanaman no mu ɔdesɛefo pa ara;

wɔbɛtwetwe wɔn afoa

wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so

na wɔahwirew wʼanuonyam no.

8Wɔde wo bɛto amoa no mu,

na wubewu owu yaayaw

wɔ ɛpo mfimfini.

9Afei wobɛka se, “Meyɛ onyame,”

wɔ wɔn a wokum wo no anim ana?

Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame,

wɔ wɔn a wokum wo no nsam.

10Wubewu momonotofo wu

wɔ ananafo nsam.

Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

11 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

12“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho so na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛso,

na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛdua.

13Na anka wowɔ Eden

Onyankopɔn turo no mu.

Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:

bogyanambo, akraatebo ne bɔwerɛbo

sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo,

hoabo, nsrammabo ne ahabammono bo;

wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛde,

wosiesiee ne nyinaa da a wɔbɔɔ wo.

14Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfo kerub,

efisɛ saa na mehyɛɛ wo.

Na wowɔ Onyankopɔn bepɔw kronkron no so;

wonantew ogya abo mu.

15Na anka wʼakwan ho nni asɛm

efi da a wɔbɔɔ wo no

kosii sɛ wohuu amumɔyɛ wɔ wo mu.

16Wʼaguadi a mu trɛw no nti

wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma

na woyɛɛ bɔne.

Ɛno nti mepam wo fii

Onyankopɔn bepɔw no so wɔ animguase mu,

na miyii wo adi, ɔhwɛfo kerub,

fii ogya abo no mu.

17Wohyerɛn wɔ wo koma mu

wʼahoɔfɛ nti

na womaa wo nyansa porɔwee,

wʼanuonyam no nti.

Enti metow wo kyenee fam;

na mede wo yɛɛ ahwɛde wɔ ahemfo anim.

18Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisi

agu wo kronkrommea ho fi

ɛno nti memaa ogya fii wo mu

na ɛhyew wo,

na memaa wo dan nsõ wɔ fam

wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.

19Aman a na wonim wo nyinaa

ho adwiriw wɔn wɔ wo ho:

wʼawiei ayɛ ahometew

na wɔrenhu wo bio.’ ”

Nkɔmhyɛ A Etia Sidon

20 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

21“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no

22na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Me ne wo anya, Sidon

na mɛda mʼanuonyam adi wɔ mo mu.

Wubehu sɛ mene Awurade no,

bere a mede asotwe aba ne so

na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ ne mu no.

23Mɛma ɔyaredɔm aba ne so

na mama mogya ateɛ wɔ ne mmɔnten so.

Apirafo bɛtotɔ wɔ ne mu,

bere a afoa redi ahim wɔ ne ho nyinaa.

Afei na wobehu sɛ mene Awurade no.

24“ ‘Na Israelfo rennya yɔnkonom a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaayaw sɛ ohwirem ne nsɔe bio. Afei na wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.

25“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so.

26Wɔbɛtena hɔ asomdwoe mu na wobesisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoe mu wɔ bere a matwe ne yɔnkonom a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.’ ”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help