Hiob 18 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Bildad Mmuae A Ɛto So Abien

1Na Suhini Bildad buae se,

2“Bere bɛn na wubegyae kasa tenten yi?

Dwene ho yiye, na afei yebetumi akasa.

3Adɛn nti na wofa yɛn sɛ anantwi

na wususuw sɛ yennim nyansa yi?

4Wo a wode abufuw tetew wo mu nketenkete,

wo nti na yemfi asase so

anaasɛ wonnwiriw abotan mfi wɔn sibea ana?

5“Omumɔyɛfo kanea adum;

na ne gya nnɛw bio.

6Hann a ɛwɔ ne ntamadan mu duru sum;

kanea a esi ne ho no dum.

7Nʼanammɔntu mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase;

nʼankasa nhyehyɛe hwe no ase.

8Nʼanammɔn de no kɔ afiri mu,

na okyinkyin kɔtɔ ne tan mu.

9Afiri so ne nantin

na eso ne mu dennen.

10Wɔasum no afiri ahintaw wɔ fam;

afiri wɔ ne kwan mu.

11Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa

na ɛhaw no wɔ nʼanammɔntu biara mu.

12Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no;

na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.

13Ɛwewe ne honam ani baabi;

na owu di kan sɛe nʼakwaa.

14Wɔtwe no fi ne ntamadan bammɔ mu

na wɔde no brɛ ahunahunahene.

15Ogya te ne ntamadan mu;

na wɔabɔ sufre a ɛredɛw apete nʼatenae.

16Ne ntin wuwu wɔ ase

na ne mman nso wu wɔ soro.

17Wɔnnkae no asase so bio;

na onni din wɔ asase so.

18Wɔka no fi hann mu kɔ sum mu

na wɔpam no fi wiase.

19Onni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfo mu,

na nʼaseni biara renka wɔ baabi a ɔtenae.

20Nnipa a wofi atɔe fam ho adwiriw wɔn wɔ nea ato no no ho;

na aninyanne bunkam wɔn a wɔwɔ apuei fam no so.

21Ampa ara, sɛɛ na omumɔyɛfo atenae te;

sɛɛ ne beae a nea onnim Onyankopɔn no te.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help